Psalms 125

Onyankopɔn nkurɔfo ho banbɔ

1Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te sɛ Bepɔw Sion a ɛnwosow na ɛnkeka ne ho no.
2Sɛnea mmepɔw atwa Yerusalem ho ahyia no, saa ara na Awurade atwa ne nkurɔfo ho ahyia daa daa.
3Omumɔyɛfo renni atreneefo asase so daa; sɛ ɛba saa a, atreneefo no ankasa bɛdan ayɛ bɔne.
4 Awurade, wɔn a wɔyɛ papa no, yɛ wɔn papa; wɔn a wodi wʼahyɛde so no.
5Na sɛ wotwe amumɔyɛfo aso a, twe wɔn a wɔpo wʼakwan no nso aso.
Asomdwoe nka Israel.
Copyright information for TwiNAK